﻿Nnwom.
84.
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no wɔ gittit sanku nne so. Koramma dwom. Awurade Asafo, wʼatenae hɔ yɛ ahomeka! 
Me kra pere, mpo ɛtɔ beraw, sɛ ɔbɛkɔ Awurade adiwo; me koma ne me honam teɛ mu frɛ Onyankopɔn teasefo. 
Mpo akasanoma anya ofi, na asomfena nso anwen ne berebuw, faako a obesow ne mma wɔ beae bi a ɛbɛn wʼafɔremuka, Awurade Asafo, me Hene ne me Nyankopɔn. 
Nhyira nka wɔn a wɔte wo fi; na wɔkamfo wo din daa. 
Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden, na wɔde wɔn koma fi akwantu ase kɔhwehwɛ wo. 
Sɛ wɔfa Baka Bon no mu a wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa; asusow bere nsu so taataa hɔ. 
Wɔkɔ no ahoɔden so bere nyinaa, kosi sɛ wɔn mu biara bepue Onyankopɔn anim wɔ Sion. 
Asafo Awurade Nyankopɔn, tie me mpaebɔ; Yakob Nyankopɔn, yɛ aso ma me. 
Ao, Onyankopɔn, hwɛ yɛn nkatabo; fa ahummɔbɔ hwɛ nea woasra no ngo no. 
Wʼadiwo hɔ da koro tena ye sen nnafua apem wɔ baabi foforo; mepɛ sɛ mɛyɛ ɔponanohwɛfo wɔ Onyankopɔn fi sen sɛ mɛtena amumɔyɛfo ntamadan mu. 
Efisɛ Awurade Nyankopɔn yɛ owia ne kyɛm; Awurade hu mmɔbɔ na ɔhyɛ anuonyam; ɔmmfa ade pa biara nkame wɔn a wɔteɛ. 
Asafo Awurade, nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so. 
