﻿Nnwom.
134.
Ɔsoroforo dwom. Awurade asomfo nyinaa, monkamfo Awurade, mo a mosom wɔ Awurade fi anadwo nyinaa. 
Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ na monkamfo Awurade. 
Awurade a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no, mfi Sion nhyira mo. 
