﻿Nnwom.
134.
Ɔsoroforɔ dwom. Awurade asomfoɔ nyinaa, monkamfo Awurade, mo a mosom wɔ Awurade fie anadwo nyinaa. 
Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ na monkamfo Awurade. 
Awurade a ɔbɔɔ soro ne asase no, mfiri Sion nhyira mo. 
